Luke 4

Ɔbonsam sɔ Yesu hwɛ

1Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so. 2Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛe adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.

3Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

4Yesu buaa no se, wɔakyerɛw se, “Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.”

5Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu. 6Na ɔka kyerɛɛ Yesu se, 7“Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

8Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, som Awurade wo Nyankopɔn na ɔno nko ara na som no.”

9Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam! 10Efisɛ wɔakyerɛw se, Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban 11na wɔabɛsɔw wo na woammɛhwe abotan no so.”

12Yesu buaa no se, wɔakyerɛw se, “Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.”

13Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe ansa.

Yesu asɛnka mfitiase

14Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa ne din trɛwee ɔman no mu nyinaa. 15Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.

Wɔpo Yesu wɔ Nasaret

16Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan kyerɛwsɛm. 17Wɔde odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se: 18“Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnomum mu se, wobenya ahofadi, anifuraefo behu ade; wɔn a wobu wɔn animtiaa benya anuonyam, 19na Onyankopɔn asiesie ne ho sɛ obehyira wɔn a wɔba ne nkyɛn nyinaa.”

20Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se; “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm no aba mu.”

22Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkae no, yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisae se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me se, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛe wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’ 24Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom. 25Nokware mu, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu. 26Nanso Onyankopɔn ansoma odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu nanso odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.” 28Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. 29Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. 30Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Yesu tu hohommɔne

31Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ, ɔkasae wɔ tumi so.

33Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a hohommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm se, 34“Yesu Nasaretni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

35Yesu hyɛɛ hohommɔne no sɛ, “Tu fi ne mu kɔ!” Hohommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.

36Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahohommɔne ma wotie yi?” 37Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛwee ɔman no mu nyinaa.

Petro nʼasebea ayaresa

38Yesu fi hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridii abɔ Simon nʼasebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare.

39Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

40Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae sɛ Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. 41Ahohommɔne fii nnipa no pii mu fii a na wɔreteɛteɛm se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim hyɛɛ wɔn se wommua wɔn ano, efisɛ, na ahohommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu asɛnka wɔ Yudea

42Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. 43Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no mekyerɛ afoforo nso, efisɛ, ɛno nti na wɔsomaa me.” 44Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkyerɛkyerɛe.

Copyright information for TwiNAK